Revelation of John 18

Babilon asehwe

1Eyi akyi, mihuu ɔbɔfo foforo sɛ ofi soro reba fam. Na ɔwɔ tumi kɛse na nʼanuonyam hyerɛn asase so nyinaa.

2Ɔteɛɛm denneenen se, “Wahwe ase! Babilon kɛse ahwe ase! Ahohommɔne ne honhom a wɔn ho ntew rehunahuna no. Nnomaa fi a wɔmpɛ wɔn asɛm nyinaa te ne mu. 3Ɔde ne nsa a ɛyɛ nʼaguamammɔ nsa a ano yɛ den no maa nnipa nyinaa nomee. Asase so ahene ne no bɔɔ aguaman, na asase so adwumayɛfo nam nʼahonya so nyaa wɔn ho.”

4Afei metee nne foforo bi a efi soro ka se, “Mumfi, me nkurɔfo! Mumfi ne mu mfi! Mommfa mo ho mmfra ne bɔne a ɔyɛ no mu; mo ne no nnkyɛ nʼasotwe! 5Efisɛ, wɔahyehyɛ ne bɔne sɛ soro tenten, na Onyankopɔn kae nʼakwammɔne no. 6Sɛnea ɔyɛɛ mo no, monyɛ no saa pɛpɛɛpɛ; nea ɔyɛɛ mo biara no, muntua no so ka mprenu. Nsa a ɔde maa mo no, monhyɛ no bi a ano yɛ den mmɔho abien. 7Momma onhu amane na ne werɛ nhow sɛ anuonyam ne nʼahonya a ɔpɛ maa ne ho no. Efisɛ, daa ɔka se, ‘Mete ha sɛ ɔhemmea. Menyɛ okunafo, me werɛ renhow da!’ 8Esiane eyi nti, nʼamanehunu bɛba ne so da bi, ɔyare, awerɛhow ne ɔkɔm. Na wɔde ogya ahyew no; efisɛ, Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no so.”

9Sɛ asase so ahene a wɔne no bɔɔ aguaman, dii dɛ no, hu ɔhyew a wɔrehyew no no wusiw a, wobesu, atwa agyaadwo. 10Nʼamanehunu no hu a ɛyɛ nti, wobegyina akyiri asu se, “Due! Due, O kurow kɛse, O Babilon, kurow a ɛwɔ tumi. Efisɛ, dɔnhwerew baako pɛ mu, wʼatemmu aba.”

11Adwumayɛfo a wɔwɔ asase so nso su no efisɛ, obiara ntɔ wɔn nneɛma bio. 12Obiara ntɔ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, ne aboɔden abo ne nhene pa, ne nwera pa ne ntama afasebiri ne sirikyi ne tam kɔkɔɔ, ne nnua a ɛyɛ huam nyinaa ne asommɛn adwini nyinaa, ne adwinne a wɔde nnua a ɛwɔ din ayɛ, ne ayowa ne dade ne abohemmaa, 13ne pɛprɛ ne mmurongo, ne nnuhuam ne kurobow, ne huamfufu ne nsa ne ngo, ne asikiresiam muhumuhu ne awi, ne nyɛmmoa ne nguan ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam ne nnipadua ne nnipa akra bio.

14Adwumayɛfo no ka kyerɛɛ no se, “Nneɛma pa a wopere hwehwɛe no nyinaa ayera; na wʼahonya ne wʼanuonyam no kɔ; na wo nsa renka bio.”

15Adwumayɛfo a wonyaa wɔn ho wɔ kurow no mu no begyina akyirikyiri efisɛ, wosuro amanehunu a ɔrehu no. Wobesu na wɔatwa agyaadwo, 16na wɔaka se, “Due! Due, O kurow kɛse a ofura nwera pa ne ntama afasebiri ne tam kɔkɔɔ na sika ne aboɔden abo ne nhene pa bobɔ mu. 17Dɔnhwerew pɛ, na saa ahonya dodow yi asa.”

Nsum ahyɛnkafo, ne hyɛn no mu nnipa, ne hyɛn no mu adwumayɛfo, ne wɔn a wɔka ho a wonya wɔn anoduan fi hyɛn adwumayɛ mu no nyinaa gyinaa akyirikyiri
18sui wɔ bere a wohuu ogya a ɛrehyew no no wusiw no. “Kurow biara a ne kɛse te saa mmae bio.” 19Wɔtow mfutuma guu wɔn atifi na wosu twaa agyaadwo se, “Due! Due O kurow kɛse, wo a wɔn a wɔwɔ ahyɛn wɔ wo mu no nam nʼahonya so yɛɛ adefo. Na dɔnhwerew baako pɛ mu, wɔahwere biribiara!”

20Ma wʼani nnye wɔ ne ho, O ɔsoro! Mogya adansefo ne asomafo ne adiyifo, mo ani nnye! Ɔkwan a ɔde mo faa so nti, Onyankopɔn abu no atɛn.

21Afei ɔbɔfo hoɔdenfo bi faa ɔbo a ne kɛse bɛyɛ sɛ owiyammo tow kyenee po mu kae se, “Saa ahoɔden yi ara na wɔde bɛtow Babilon kɛse no akyene fam a wɔrenhu no bio. 22Wɔrente sankubɔfo ne nwontofo, atɛntɛbɛnbɔfo ne torobɛntohyɛnfo nka bio wɔ mo mu. Wɔrenhu odwimfo biara wɔ mo mu bio. Na wɔrente owiyamfo biara nka wɔ mo mu bio. 23Kanea hann renhyerɛn wɔ mo mu bio. Wɔrente ayeforokunu ne ayeforoyere nne wɔ mo mu bio. Wʼadwumayɛfo yɛ wiase mu nnipa titiriw. Na wɔde wo ntafowayi adaadaa aman nyinaa. 24Wɔtwee Babilon aso efisɛ, ne mu na wohuu adiyifo ne mogya adansefo ne wɔn a wokum wɔn asase so nyinaa mogya.”

Copyright information for TwiNAK